Awurade na ɔma, Nea w’abrɛ tumi
Na nea onni home no, ɔma n’ahoɔden dɔɔso
Mmranteɛ mpo berɛ o, Na wɔmo pa aba daa
Nkwakwaa hwe hwe, Ase san wɔn akyi
Nanso wɔn a wɔtwɛn, Awurade anim
Onya ahoɔden foforo
Ɔde ntaban foro sɛ, anomaa ɔkɔdea a
Otu mmirika, na wɔmpa aba da
Ɔnante a ɔmerɛ
Awurade ama m’ayɛ, n’adebɔ mu ɔdehyeɛ
W’ahyɛ me tenenee katabo
Ɔde nepa ahyɛ m’afono mu ma
W’ama makoma ahyɛ ma oo
Hwɛ sɛ matanfo ani awu
Nti mmerɛ a metease yi
Wo nwunu ase, Wo nwunu ase, Wo nwunu ase
Wo nwunu ase, Wo nwunu ase, Wo nwunu ase
Wo nwunu ase, Wo nwunu ase, a na metena
Na m’ato me dɔfo ho dwom sɛ, Wo nwuma yɛ kɛse
Wo nwuma yɛ nwanwa, Onipa ba biara ntumi ntease